Ephesians 1:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Honhom no ma yɛn awerɛhyɛmu sɛ wɔde deɛ Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfoɔ no bɛma yɛn. Afei, yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no animuonyam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
a ɛne yɛn apɛgyadeɛnya nsohyɛ no asɔ mo ano asie. Yei ne ɔgyeɛ a wɔde agye wɔn a ɔde wɔn ayɛ ne deɛ ama n’animuonyam ayeyie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
a ɛne yɛn apɛgyadeɛnya nsohyɛ no asɔ mo ano asie. Yei ne ɔgyeɛ a wɔde agye wɔn a ɔde wɔn ayɛ ne deɛ ama n’animuonyam ayeyie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
a ɛne yɛn apɛgyadenya ahyɛnsode no asɔ mo ano asie. Eyi ne ogye a wɔde agye wɔn a ɔde wɔn ayɛ ne de ama n’anuonyam ayeyi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Honhom no ma yɛn awerehyɛmu sɛ wɔde nea Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfo no bɛma yɛn. Afei yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no anuonyam.