Esther 1:15 — Compare Translations

4 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ ɔhemmaa Wasti? Asotweɛ bɛn na mmara no kyerɛ sɛ, wɔmfa mma ɔhemmaa a mesomaa me piafoɔ sɛ wɔnkɔfrɛ no mmra na wamma no?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
sɛ: Ɛdeɛn na mmara no ka sɛ wɔnyɛ Ɔhemmaa Wasti, sɛ wanni Ɔhene Akas-weros asɛm a mpiafoɔ no kɔka kyerɛɛ no soɔ no?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
sɛ: Ɛdeɛn na mmara no ka sɛ wɔnyɛ Ɔhemmaa Wasti, sɛ wanni Ɔhene Akas-weros asɛm a mpiafoɔ no kɔka kyerɛɛ no soɔ no?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no bisae se, “Dɛn na menyɛ ɔhemmea Wasti? Asotwe bɛn na mmara no kyerɛ sɛ wɔmfa mma ɔhemmea a mesomaa me piamfo sɛ wɔnkɔfrɛ no mmra na wamma no?”