Esther 1:18 — Compare Translations
4 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ansa na adeɛ bɛkye no, yɛn yerenom, wo mpanimfoɔ yerenom nyinaa bɛte deɛ ɔhemmaa no yɛeɛ, na wɔahyɛ aseɛ akasa wɔn kununom wɔ kwan korɔ no ara so. Na ntwirie no ne abufuo no to rentwa da wɔ wʼahemman mu ha.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛnnɛ da yi Persia ne Media mmaa adehyeɛ a wɔate ɔhemmaa no asɛm no bɛkeka akyerɛ ɔhene asafohene nyinaa, na animtiabuo ne abohuro bɛdɔɔso.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛnnɛ da yi Persia ne Media mmaa adehyeɛ a wɔate ɔhemmaa no asɛm no bɛkeka akyerɛ ɔhene asafohene nyinaa, na animtiabuo ne abohuro bɛdɔɔso.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ansa na ade bɛkyɛ no, yɛn yerenom, wo mpanyimfo yerenom nyinaa bɛte nea ɔhemmea no yɛe, na wɔafi ase akasa wɔn kununom ɔkwan koro no ara so. Na ntwirii no ne abufuw no to rentwa da wɔ wʼaheman mu ha.