Esther 3:9 — Compare Translations

4 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ ɛbɛtumi a, Ɔhene kɛseɛ, hyɛ mmara na wɔntɔre wɔn ase, na mɛma aban amammufoɔ dwetɛ tɔno 375, na wɔde agu adehyeɛ fotoɔ no mu.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔntwerɛ sɛ wɔnsɛe wɔn, na mɛkari dwetɛ dwetikɛseɛ mpemdu mahyɛ wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nsa, sɛ wɔmfa ngu ɔhene akoradeɛ mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔntwerɛ sɛ wɔnsɛe wɔn, na mɛkari dwetɛ dwetikɛseɛ mpemdu mahyɛ wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nsa, sɛ wɔmfa ngu ɔhene akoradeɛ mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ ebetumi a, Ɔhempɔn, hyɛ mmara na wɔntɔre wɔn ase, na mɛma aban amammuifo dwetɛ tɔn ahaasa aduɔson anum na wɔde agu adehye foto no mu.”