Exodus 1:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti wɔde nkoa sohwɛfoɔ gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwuma den de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔsisii wɔn so adwumayɛfoɔ so mpanimfoɔ sɛ wɔmfa nnesoadeɛ a emu yɛ duro nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkuro Pitom ne Raamses maa Farao.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔsisii wɔn so adwumayɛfoɔ so mpanimfoɔ sɛ wɔmfa nnesoadeɛ a emu yɛ duro nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkuro Pitom ne Raamses maa Farao.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wosisii wɔn so adwumayɛfo so mpanyimfo sɛ wɔmfa nnwuma a ɛyɛ den nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkurow Pitom ne Rameses maa Farao.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti wɔde nkoa sohwɛfo gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwumaden de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao.