Exodus 10:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mmoa no kataa asase ani nyinaa ma wɔsii owia ani enti wɔmaa esum duruu asase no so. Wɔwee biribiara a asukɔtweaa no ansɛe no no; biribiara a ɛyɛ ahahammono anka; sɛ ɛyɛ dua anaa afifideɛ a ɛwɔ ɔman no mu baabiara no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔkataa asase no nyinaa ani maa esum duruu asase no so, na wɔdii asase no so nhahan nyinaa ne nnua a ɔsoro aboɔ no gyaeɛ no so aba nyinaa, na biribiara anka a ɛyɛ mono wɔ nnua mu ne mfuo mu nhahan mu wɔ Misraim asase no so nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔkataa asase no nyinaa ani maa esum duruu asase no so, na wɔdii asase no so nhahan nyinaa ne nnua a ɔsoro aboɔ no gyaeɛ no so aba nyinaa, na biribiara anka a ɛyɛ mono wɔ nnua mu ne mfuo mu nhahan mu wɔ Misraim asase no so nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔkataa asase no nyinaa ani ma esum duruu asase no so, na wodii asase no so nhaban nyinaa ne nnua a amparuwbo no gyawee no so aba nyinaa, na biribiara anka a ɛyɛ momono wɔ nnua mu ne mfuw mu nhaban mu wɔ Misraim asase no so nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mmoa no kataa asase ani nyinaa ma wosiw owia ani enti wɔmaa sum duruu asase no so. Wɔwee biribiara a mparuwbo no ansɛe no no; biribiara a ɛyɛ ahabammono anka; sɛ ɛyɛ dua anaa afifide a ɛwɔ ɔman no mu baabiara no.