Exodus 10:25 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Mose buaa sɛ, “Dabi, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nnwan ne yɛn anantwie kɔ na yɛde wɔn mu bi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade yɛn Onyankopɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Mose kaa sɛ: Ɛsɛ sɛ wode afɔrebɔdeɛ a wɔkum na wɔhyeɛ nso hyɛ yɛn nsa, na yɛde akɔbɔ ama AWURADE yɛn Nyankopɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Mose kaa sɛ: Ɛsɛ sɛ wode afɔrebɔdeɛ a wɔkum na wɔhyeɛ nso hyɛ yɛn nsa, na yɛde akɔbɔ ama AWURADE yɛn Nyankopɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Mose kae sɛ: Ɛsɛ sɛ wode afɔrebɔde a wokum na wɔhyew nso hyɛ yɛn nsa, na yɛde akɔbɔ ama AWURADE yɛn Nyankopɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Mose buae se, “Dabi, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nguan ne yɛn anantwi kɔ na yɛde wɔn mu bi bɔ ɔhyew afɔre ma Awurade, yɛn Nyankopɔn.