Exodus 10:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mmoa no bɛhyɛ wʼahemfie hɔ, wo mpanimfoɔ afie mu ne Misraimfoɔ afie nyinaa ma tɔ. Ɛbɛyɛ ɔhaw a, ɛfiri ɛberɛ a mo agyanom bɛtenaa asase yi so de bɛsi ɛnnɛ no, ebi nsii saa da.’ ” Na Mose firii Farao anim kɔeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔabɛyeyɛ w’afie mu ne wo nkoa nyinaa afie mu ne Misraimfoɔ nyinaa afie mu amaama, sɛdeɛ wo nananom ne wɔn nananom nhunuu bi pɛn firi da a wɔbaa asase soɔ bɛduru nnɛ. Na ɔdanee ne ho firii Farao nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔabɛyeyɛ w’afie mu ne wo nkoa nyinaa afie mu ne Misraimfoɔ nyinaa afie mu amaama, sɛdeɛ wo nananom ne wɔn nananom nhunuu bi pɛn firi da a wɔbaa asase soɔ bɛduru nnɛ. Na ɔdanee ne ho firii Farao nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wɔabɛyeyɛ w'afi mu ne wo nkoa nyinaa afi mu ne Misraimfo nyinaa afi mu amaama sɛnea w'agyanom ne w'agyanom agyanom nhuu bi pɛn fi da a wɔbaa asase so de bedu nnɛ. Na ɔdan ne ho fii Farao anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mmoa no bɛhyɛ wʼahemfi hɔ, wo mpanyimfo afi mu ne Misraimfo afi nyinaa ma tɔ. Ɛbɛyɛ ɔhaw a, efi bere a mo agyanom bɛtenaa asase yi so de besi nnɛ no, bi nsii saa da.’ ” Na Mose fii Farao anim kɔe.