Exodus 11:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mɛma ɔhaw a ɛtwa toɔ aba Farao ne nʼasase so. Na ɛno akyiri no, ɔbɛma mo akɔ. Nokorɛm, ne ho bɛpere no sɛ mobɛfiri ne ho ama ɔno ara apamo mo afiri ɔman no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mɛma ɔhaw baako aba Farao ne Misraim so bio, na ɛno akyiri no, ɔbɛma moafiri ha akɔ koraa; pamo mpo na ɔbɛpamo mo afiri ha.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mɛma ɔhaw baako aba Farao ne Misraim so bio, na ɛno akyiri no, ɔbɛma moafiri ha akɔ koraa; pamo mpo na ɔbɛpamo mo afiri ha.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mɛma ɔhaw biako aba Farao ne Misraim so bio, na ɛno akyi no, ɔbɛma moafi ha akɔ; ɔbɛma moakɔ koraa, ɔpam mpo na ɔbɛpam mo afi ha.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Mɛma ɔhaw a etwa to aba Farao ne nʼasase so. Na ɛno akyi no, ɔbɛma mo akɔ. Nokware, ne ho bɛpere no sɛ mubefi ne ho ama ɔno ara apam mo afi ɔman no mu.