Exodus 11:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Israelfoɔ mu deɛ, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔ.’ Na ɛbɛma woahunu sɛ, Awurade de nsonsonoeɛ ato Misraimfoɔ ne Israelfoɔ ntam!
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Israel mma nyinaa deɛ, ɔkraman mpo rentwe ne tɛkyerɛma ntia wɔn, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na moahunu sɛ AWURADE apae Misraim ne Israel ntam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Israel mma nyinaa deɛ, ɔkraman mpo rentwe ne tɛkyerɛma ntia wɔn, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na moahunu sɛ AWURADE apae Misraim ne Israel ntam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Israel mma nyinaa de, ɔkraman po rentwe ne tɛkrɛma nhyɛ wɔn, efi nnipa so kosi mmoa so, na moahu sɛ AWURADE apae Misraim ne Israel ntam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Israelfo mu de, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔw.’ Na ɛbɛma woahu sɛ, Awurade de nsonoe ato Misraimfo ne Israelfo ntam!