Exodus 12:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛdeɛ monwe ɛnam no nie: monwe wɔ ɛberɛ a mo ntadeɛ a mode tu ɛkwan hyehyɛ mo. Monsiesie mo ho mma ɛkwan tenten twa. Monhyɛ mo asopatere na momfa mo mpoma nkurakura. Monwe no ɔherɛ so. Saa adeyɛ yi, wɔbɛfrɛ no Awurade Twam Afahyɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛdeɛ monni no nie: Monkyekyere mo asene, na mo mpaboa nhyehyɛ mo nan, na mo mpoma nkurakura mo nsam, na monni no herɛ so: Ɛyɛ AWURADE twam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛdeɛ monni no nie: Monkyekyere mo asene, na mo mpaboa nhyehyɛ mo nan, na mo mpoma nkurakura mo nsam, na monni no herɛ so: Ɛyɛ AWURADE twam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛnea munni no ni: Monkyekyere mo asen, na mo mpaboa nhyehyɛ mo anan, na mo mpoma nkurakura mo nsam, na munni no hare so. Ɛyɛ AWURADE twam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛnea monwe nam no ni: monwe wɔ bere a mo ntade a mode tu kwan hyehyɛ mo. Munsiesie mo ho mma ɔkwan tententwa. Monhyɛ mo mpaboa na momfa mo pema nkurakura. Monwe no ntɛmntɛm. Saa nneyɛe yi, wɔbɛfrɛ no Awurade Twam Afahyɛ.