Exodus 12:22 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Montwa odwan no mogya ngu kyɛnsee bi mu. Momfa hisope mmɔ mogya no mu na momfa mpete aponnwatifi ne aponnwa mmienu a aka no ho sɛdeɛ mogya no bɛda ho. Mowie a, mo mu biara mmfiri nkɔ abɔntene saa anadwo no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na momfa adwera esia mmɔ mogya a ɛwɔ yaawa mu no mu, na momfa yaawa no mu mogya no bi nsra aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho, na mo mu biara mmfiri adi mmfiri ne fie pono ano kɔsi anɔpa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na momfa adwera esia mmɔ mogya a ɛwɔ yaawa mu no mu, na momfa yaawa no mu mogya no bi nsra aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho, na mo mu biara mmfiri adi mmfiri ne fie pono ano kɔsi anɔpa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na momfa adwerɛ kasiaw mmɔ mogya a ɛwɔ yawa mu no mu, na momfa yawa no mu mogya no bi nsra aponguatifi ne apongua abien no ho, na mo mu biara mmfi adi mmfi ne fi pon ano nkosi anɔpa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Muntwa oguan no mogya ngu kuruwa bi mu. Momfa adwerɛ mmɔ mogya no mu na momfa mpete apongua no atifi ne apongua abien a aka no ho sɛnea mogya no bɛda ho. Muwie a, mo mu biara mmfi nkɔ abɔnten saa anadwo no.