Exodus 12:42 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa anadwo no ne ɛberɛ a Awurade yi too hɔ de gyee ne nkurɔfoɔ firii Misraim asase so. Enti, saa anadwo korɔ no ara na Israelfoɔ no yi de too hɔ sɛ ɛda a Onyankopɔn gyee wɔn no afirinhyia ɛda.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛyɛ anadwo a AWURADE ankasa dii Israelfoɔ no afoofi na ɔyii wɔn firii Misraim asase so. Wɔhyɛ ho fa de ma AWURADE wɔ Israelfoɔ nyinaa mu wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛyɛ anadwo a AWURADE ankasa dii Israelfoɔ no afoofi na ɔyii wɔn firii Misraim asase so. Wɔhyɛ ho fa de ma AWURADE wɔ Israelfoɔ nyinaa mu wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛyɛ anadwo a wodi ma AWURADE a oyii wɔn fii Misraim asase so no, anadwo no ara na wodi ma AWURADE wɔ Israelfo nyinaa mu wɔn awo ntoatoaso mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa anadwo no ne bere a Awurade yi too hɔ de gyee ne nkurɔfo fii Misraim asase so. Enti saa anadwo koro no ara na Israelfo no yi de too hɔ sɛ da a Onyankopɔn gyee wɔn no afirihyia da.