Exodus 12:43 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Twam Afahyɛ no ho mmara ni: “Ahɔhoɔ biara nnwe odwammaa no ɛnam no bi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Yei ne twam no ho ahyɛdeɛ: Ɔnanani biara nnni bi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Yei ne twam no ho ahyɛdeɛ: Ɔnanani biara nnni bi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Eyi ne twam no ho ahyɛde: Ɔnanani biara nnni bi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Twam Afahyɛ no ho mmara ni: “Ahɔho biara nnwe oguamma no nam no bi.