Exodus 12:46 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ɛsɛ sɛ wɔwe Twam Afahyɛ aboa biara wɔ efie baako mu. Ɛsɛ sɛ wɔwe ɛnam no wɔ fie. Ɛnsɛ sɛ wɔwe ɛnam no fa biara wɔ abɔntene. Ɛnsɛ sɛ mobɔ dompe mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Efie baako mu na wɔnnie, wɔmmfa nam no bi mmfiri fie hɔ mmfiri adi, na mommmu ne dompe bi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Efie baako mu na wɔnnie, wɔmmfa nam no bi mmfiri fie hɔ mmfiri adi, na mommmu ne dompe bi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ofi biako mu na wonni, wɔmmfa nam no bi mmfi fie hɔ mmfi adi, na mummmu ne dompe bi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Ɛsɛ sɛ wɔwe Twam Afahyɛ aboa biara wɔ ofi biara mu. Ɛsɛ sɛ wɔwe nam no wɔ fie. Ɛnsɛ sɛ wɔde nam no fa biara kɔ abɔnten. Ɛnsɛ sɛ mobɔ dompe biara mu.