Exodus 12:48 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ahɔhoɔ a mo ne wɔn te no nso, sɛ wɔpɛ sɛ wɔdi Twam Afahyɛ no bi a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa twa twetia ansa na wɔaba ne mo abɛdi. Na sɛ ɛyɛ saa a, wɔbɛyɛ deɛ wɔwoo wɔn too mu mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ obi abɛyɛ wo nkyɛn hɔhoɔ na ɔpɛ sɛ ɔdi twam ma AWURADE a, ma wɔntwa ne mmarima nyinaa twetia, na ɛno ansa na ɔmpinkyɛ mmɛdie, na ɔnyɛ sɛ deɛ wɔwoo no asase no soɔ; na momonoto biara deɛ, ɔnnni bi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ obi abɛyɛ wo nkyɛn hɔhoɔ na ɔpɛ sɛ ɔdi twam ma AWURADE a, ma wɔntwa ne mmarima nyinaa twetia, na ɛno ansa na ɔmpinkyɛ mmɛdie, na ɔnyɛ sɛ deɛ wɔwoo no asase no soɔ; na momonoto biara deɛ, ɔnnni bi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ obi abɛsoɛ wo nkyɛn hɔho na ɔpɛ sɛ odi twam ma AWURADE a, ma wontwa ne mmarima nyinaa twetia, na ɛno ansa na ɔmmɛn mmedi, na ɔnyɛ sɛ nea wɔwoo no asase no so; na momonoto biara de, onnni bi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Ahɔho a mo ne wɔn te no nso, sɛ wɔpɛ sɛ wodi Twam Afahyɛ no bi a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa twa twetia ansa na wɔaba ne mo abedi; na ama wɔayɛ sɛnea wɔwoo wɔn too mo mu no.