Exodus 13:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Na sɛ daakye bi mo mma bisa mo sɛ, ‘Yeinom nyinaa ase ne sɛn a, monka nkyerɛ wɔn sɛ, Awurade nam anwanwadeɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ so na ɔyii yɛn firii nkoasom mu wɔ Misraim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Yei aseɛ ne sɛn a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim nkoasom mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Yei aseɛ ne sɛn a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim nkoasom mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Eyi ase ne dɛn, a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn Misraim fii nkoasom mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Na sɛ daakye bi mo mma bisa mo se, ‘Eyinom nyinaa ase ne dɛn a, monka nkyerɛ wɔn se, Awurade nam anwonwade akɛse a ɔyɛe so na oyii yɛn fii nkoasom mu wɔ Misraim.