Exodus 14:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛpirim Misraimfoɔ no akoma ama wɔaka mo so na di a mɛdi Farao ne ne dɔm so bɛma mo ahunu mʼanimuonyam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na me deɛ, hwɛ, mɛpirim Misraimfoɔ akoma, na wɔabɛdi wɔn akyi, na mɛhyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na me deɛ, hwɛ, mɛpirim Misraimfoɔ akoma, na wɔabɛdi wɔn akyi, na mɛhyɛ m’anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ no so,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na me de, hwɛ, mepirim Misraimfo koma, na wɔabedi wɔn akyi, na mɛhyɛ m'anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n'apɔnkɔfo no so,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mepirim Misraimfo no koma ama wɔataa mo na di a medi Farao ne ne dɔm so no bɛma moahu mʼanuonyam.