Exodus 14:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛbɛtwaa Israelfoɔ no ne Misraimfoɔ no ntam. Na anadwo no, ɛdanee ogya maa esum tɔɔ Misraimfoɔ no so maa ne hann no kyerɛɛ Israelfoɔ no ɛkwan. Enti Misraimfoɔ no anhunu Israelfoɔ no akyiri kwan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɛbɛfirii Misraim dɔm ne Israel dɔm ntam, na ɛyɛ mununkum ne esum, nanso ɛma hann anadwo, na amma yeinom antumi ammɛn yeinom anadwo no nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɛbɛfirii Misraim dɔm ne Israel dɔm ntam, na ɛyɛ mununkum ne esum, nanso ɛma hann anadwo, na amma yeinom antumi ammɛn yeinom anadwo no nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ebefii Misraim dɔm ne Israel dɔm no ntam, na ɛyɛ omununkum ne sum, nanso ɛma hann anadwo, na amma eyinom antumi ammɛn eyinom anadwo no nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ebetwaa Israelfo no ne Misraimfo no ntam. Na anadwo no, ɛdan ogya maa sum tɔɔ Misraimfo no so maa ne hann no kyerɛɛ Israelfo no kwan. Enti Misraimfo no anhu Israelfo no akyi kwan.