Exodus 15:22 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Mose dii Israelfoɔ no anim ne wɔn tu firii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur ɛserɛ so. Na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa a wɔannya nsuo annom.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Mose maa Israel tu firii Mmɛwa Po ho, na wɔfiri hɔ kɔɔ Sur serɛ so; na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa, na wɔnnya nsuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Mose maa Israel tu firii Mmɛwa Po ho, na wɔfiri hɔ kɔɔ Sur serɛ so; na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa, na wɔnnya nsuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Mose maa Israel tu fii mmɛw po ho na wofi kɔɔ Sur sare so; na wɔnantew sare no so nnansa, na wonnya nsu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Mose dii Israelfo no anim ne wɔn tu fii Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur sare so. Na wɔnantew sare no so nnansa a wɔannya nsu annom.