Exodus 16:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔhwiee deɛ wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso sɛ obiara bɛnya bi. Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn. Efie biara nyaa ne so ne ne deɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔde olonka susui, na deɛ ɔtasee pii no annya akyire bi, na deɛ ɔtasee kakraa bi no anka no bi. Wɔn nyinaa tasee sɛdeɛ wɔbɛdie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔde olonka susui, na deɛ ɔtasee pii no annya akyire bi, na deɛ ɔtasee kakraa bi no anka no bi. Wɔn nyinaa tasee sɛdeɛ wɔbɛdie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔde omer susuwii, na nea ɔtasee pii no annya akyiri bi, na nea ɔtasee kakraa bi no, anka no bi. Wɔn nyinaa tasee sɛnea wobedi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wohwiee nea wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso sɛ obiara benya bi. Wɔn a wonyaa pii no, ebi anka, na wɔn a wonyaa kakraa bi no nso, ɛsoo wɔn. Ofi biara nyaa ne so ne ne de.