Exodus 17:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛha nso, nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsuo nnom!” Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ dinn! Adɛn enti na mo ne me regye akyinnyeɛ? Adɛn enti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti ɔman no ne Mose hamee, na wɔse: Ma yɛn nsuo nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo ne me ham? Adɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti ɔman no ne Mose hamee, na wɔse: Ma yɛn nsuo nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo ne me ham? Adɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti ɔman no ne Mose hamee, na wose: Ma yɛn nsu nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mo ne me ham? Ɛdɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛha nso nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsu nnom!” Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Monyɛ dinn! Adɛn nti na mo ne me regye akyinnye? Adɛn nti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”