Exodus 18:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Tie fo a merebɛtu wo yi na Onyankopɔn bɛhyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Afei tie me nne, mɛtu wo fo, na Onyankopɔn nni w’akyi: Wo deɛ, gyina Nyankopɔn anim ma ɔman no, na fa nsɛm no brɛ Onyankopɔn,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Afei tie me nne, mɛtu wo fo, na Onyankopɔn nni w’akyi: Wo deɛ, gyina Nyankopɔn anim ma ɔman no, na fa nsɛm no brɛ Onyankopɔn,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Afei tie me nne, metu wo fo, na Onyankopɔn nni w'akyi; wo de, gyina Onyankopɔn anim ma ɔman no, na fa nsɛm no brɛ Onyankopɔn,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Tie fo a merebetu wo yi na Onyankopɔn behyira wo. Kɔ so ara si nnipa no anan wɔ Onyankopɔn anim na fa wɔn haw to nʼanim.