Exodus 18:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ne babarima a ɔtɔ so mmienu no nso, ɔtoo ne edin Elieser a ɔkyerɛ aseɛ sɛ “Mʼagyanom Onyankopɔn no yɛ me ɔboafoɔ. Ɔgyee me firii Farao akofena ano.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔbaako no nso din de Eliesa, (ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: M’agya Nyankopɔn ne me boafoɔ, na wayi me afiri Farao nkrantɛ ano).
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔbaako no nso din de Eliesa, (ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: M’agya Nyankopɔn ne me boafoɔ, na wayi me afiri Farao nkrantɛ ano).
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na obiako din de Eliesa, (efisɛ ɔkae se: M'agya Nyankopɔn ne me boafo, na wayi me afi Farao nkrante ano).
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ne babarima a ɔto so abien no nso, ɔtoo ne din Elieser a ɔkyerɛ ase se “Mʼagyanom Nyankopɔn no yɛ me boafo. Ogyee me fii Farao afoa ano.”