Exodus 19:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔtu firii Refidim no, wɔbɛduruu Sinai Bepɔ ase bɔɔ atenaseɛ wɔ hɔ. Mose foro kɔɔ bepɔ no so kɔhyiaa Onyankopɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔtu firii Refidim no, wɔbaa Sinai serɛ so bɛkyeree nsraban; na Israel kyeree nsraban Sinai bepɔ no anim hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔtu firii Refidim no, wɔbaa Sinai serɛ so bɛkyeree nsraban; na Israel kyeree nsraban Sinai bepɔ no anim hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wotu fii Refidim no, wɔbaa Sinai sare so bɛbɔɔ nsra sare no so; na Israel bɔɔ nsra bepɔw no anim hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wotu fii Refidim no, wokoduu Sinai sare so na wɔbɔɔ atenase wɔ Sinai Bepɔw no ase.