Exodus 19:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sane wʼakyi kɔ nnipa no nkyɛn na kɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnntra ahyeɛ no. Wɔnnyɛ wɔn adwene nso sɛ wɔreforo aba soro ha abɛhwɛ Awurade. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no bɛwuwu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔantra hyeban no amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔantra hyeban no amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sian kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔanhwirew mu amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “San kɔ nnipa no nkyɛn na kɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnntra ahye no. Wɔnnyɛ wɔn adwene nso sɛ wɔreforo aba soro ha abɛhwɛ Awurade. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no bewuwu.