Exodus 19:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
‘Moahunu deɛ meyɛɛ Misraimfoɔ no ne ɛkwan a menam so de mo baa me nkyɛn te sɛ deɛ na mote ɔkɔdeɛ ntaban so no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mo ara moahunu deɛ meyɛɛ Misraim no ne sɛdeɛ mesoaa mo akɔdeɛ ntaban soɔ, na mede mo aba me nkyɛn yi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mo ara moahunu deɛ meyɛɛ Misraim no ne sɛdeɛ mesoaa mo akɔdeɛ ntaban soɔ, na mede mo aba me nkyɛn yi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mo ara moahu nea meyɛɛ Misraim no ne sɛnea mesoaa mo akɔre ntaban so, na mede mo maba me nkyɛn yi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
‘Moahu nea meyɛɛ Misraimfo no ne ɔkwan a mefaa so soaa mo wɔ ɔkɔre ntaban so de mo baa me nkyɛn no.