Exodus 2:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Midian ɔsɔfoɔ mmammaa baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛto nsuo de akɔma wɔn agya nnwan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nso na Midian sɔfoɔ wɔ mmammaa baason; na wɔba bɛtoo nsuo de hyehyɛɛ adaaseɛ no amaama sɛ wɔrema wɔn agya nnwan anom.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nso na Midian sɔfoɔ wɔ mmammaa baason; na wɔba bɛtoo nsuo de hyehyɛɛ adaaseɛ no amaama sɛ wɔrema wɔn agya nnwan anom.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso Midian sɔfo wɔ mmabea baasɔn; na wɔbae bɛtow nsu de hyehyɛɛ adaase no amaama sɛ wɔrema wɔn agya nguan anom.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Midian sɔfo mmabea baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛtow nsu de akɔma wɔn papa nguan.