Exodus 2:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn agya bisaa sɛ, “Na ɔwɔ he? Mogyaa no hɔ anaa? Monkɔfrɛ no na ɔmmɛdidi.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbisaa ne mmammaa no sɛ: Na ɔwɔ he? Adɛn nti na mogyaa ɔbarima no hɔ? Monkɔfrɛ no na ɔmmɛdidi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbisaa ne mmammaa no sɛ: Na ɔwɔ he? Adɛn nti na mogyaa ɔbarima no hɔ? Monkɔfrɛ no na ɔmmɛdidi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔka kyerɛɛ ne mmabea no sɛ: Na ɔwɔ he? Ɛdɛn nti na mugyaw ɔbarima no? Monkɔfrɛ no na ommedidi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn agya bisae se, “Na ɔwɔ he? Mugyaw no wɔ hɔ ana? Monkɔfrɛ no na ommedidi.”