Exodus 2:24 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Onyankopɔn nso tiee wɔn sufrɛ no, kae ɛbɔ a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ ɔde nʼasefoɔ bɛsane aba Kanaan asase so no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Onyankopɔn tee wɔn apinisie no, ɔkaee n’apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pameeɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Onyankopɔn tee wɔn apinisie no, ɔkaee n’apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pameeɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Onyankopɔn tee wɔn apinisi no, na Onyankopɔn kaee n'apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pamee no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Onyankopɔn nso tiee wɔn sufrɛ no, kaee bɔ a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ ɔde nʼasefo bɛsan aba Kanaan asase so no.