Exodus 2:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Farao babaa kɔɔ nsuo no mu sɛ ɔrekɔdware. Ɛberɛ a ɔne ne mmaawa nam asuo no konkɔn so no, ɔhunuu kɛntɛn no sɛ ɛhyɛ wiram hɔ baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako sɛ ɔnkɔfa mmrɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Farao babaa siane baa asuo no ano adwareɛ, na ne mmaawa repasa asuo no nsunoa. Berɛ a Farao babaa hunuu adaka no wɔ wira no mu no, ɔsomaa n’abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Farao babaa siane baa asuo no ano adwareɛ, na ne mmaawa repasa asuo no nsunoa. Berɛ a Farao babaa hunuu adaka no wɔ wira no mu no, ɔsomaa n’abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Farao babea sian baa asu no ano aguare, na ne mmaawa repase asu no kɔn so; na ohuu adaka no wɔ wura no mu no, ɔsomaa n'abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Farao babea kɔɔ asu no mu sɛ ɔrekoguare. Bere a ɔne ne mmaawa nam asu no konkɔn so no, ohuu kɛntɛn no sɛ ɛhyɛ wuram hɔ baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako sɛ ɔnkɔfa mmrɛ no.