Exodus 21:32 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, wɔbɛma akoa anaa afenaa no wura dwetɛ gram ahasa ne aduanan mmienu (342), na wɔasi nantwie no aboɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, ɔmma akoa anaa afena wura dwetɛ, nnwetɛbena aduasa, na wɔnsi nantwie no aboɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, ɔmma akoa anaa afena wura dwetɛ, nnwetɛbena aduasa, na wɔnsi nantwie no aboɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ nantwi no si akoa anaa afenaa a, ɔmma ne wura dwetɛ, nnwetɛbona aduasa, na wonsiw nantwi no abo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ nantwi no si akoa anaa afenaa a, wɔbɛma akoa anaa afenaa no wura dwetɛ gram ahaasa ne aduanan (342) abien, na wɔasiw nantwi no abo.