Exodus 22:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ obi rehye nʼafuo, na ogya no tra kɔtɔ ɔfoforɔ afuo mu, hye, sɛe nʼafudeɛ a, deɛ ɔsɔɔ ogya no bɛtua afudeɛ a asɛe no nyinaa ho ka.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ ogya dɛre na ɛkɔsɔ nkasɛɛ mu, na ɛhye ayuo afiafi kuo anaa ayuo a ɛgyina hɔ anaa afuo a, hyɛ na deɛ ɔsɔɔ gya no nhyɛ ananmu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ ogya dɛre na ɛkɔsɔ nkasɛɛ mu, na ɛhye ayuo afiafi kuo anaa ayuo a ɛgyina hɔ anaa afuo a, hyɛ na deɛ ɔsɔɔ gya no nhyɛ ananmu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ ogya dɛw na ɛkɔso nsɔe mu, na ɛhyew awi afiafi kuw anaa awi a egyina hɔ anaa afuw a, ɔhyɛ na nea ɔsɔɔ ogya no nhyɛ ananmu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ obi rehyew nʼafuw, na ogya no tra kɔtɔ ɔfoforo afuw mu, hyew, sɛe ne nnɔbae a, nea ɔsɔɔ gya no betua nnɔbae a asɛe no nyinaa ho ka.