Exodus 24:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn a wɔwɔ bepɔ no ase no hunuu anwanwadeɛ no. Na Awurade animuonyam a ɛwɔ bepɔ no so no te sɛ ogya a ɛrederɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔhwɛ AWURADE animuonyam no a, na ɛte sɛ ogya a ɛrehye adeɛ wɔ bepɔ no atifi wɔ Israelfoɔ no anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔhwɛ AWURADE animuonyam no a, na ɛte sɛ ogya a ɛrehye adeɛ wɔ bepɔ no atifi wɔ Israelfoɔ no anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔhwɛ AWURADE anuonyam no a, ɛte sɛ ogya a ɛhyew ade wɔ bepɔw no atifi wɔ Israelfo no anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn a wɔwɔ bepɔw no ase no huu anwonwade no. Na Awurade anuonyam a ɛwɔ bepɔw no so no te sɛ ogya a ɛredɛw.