Exodus 25:33 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Momfa nhwiren mmiɛnsa nsiesie nkorabata biara ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nhwiren nkuramu mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nhwiren nkuramu mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren. Saa ara na yɛ wɔ nsa nsia a ɛtuatua kaneadua no ho no ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nhwiren nkuramu mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nhwiren nkuramu mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren. Saa ara na yɛ wɔ nsa nsia a ɛtuatua kaneadua no ho no ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nhwiren nkuramu abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran de wɔ nsa biako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nhwiren nkuramu abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran de wɔ nsa biako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren. Saa ara na yɛ wɔ nsa asia a etuatua kaneadua no ho no ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Momfa nhwiren abiɛsa nsiesie nkorata biara ho.