Exodus 25:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Me fie no bɛyɛ ntomadan. Mɛkyerɛ mo ɛkwan a mepɛ sɛ mosi saa dan no ne sɛdeɛ mobɛsiesie mu na moagyina so asi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛdeɛ me ara merebɛkyerɛ wo tenabea no tebea ne ɛho nnoɔma nyinaa tebea no, saa ara na monyɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛdeɛ me ara merebɛkyerɛ wo tenabea no tebea ne ɛho nnoɔma nyinaa tebea no, saa ara na monyɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛnea me ara merebɛkyerɛ wo tenabea no tebea ne ɛho nneɛma nyinaa tebea no nyinaa no, saa ara na monyɛ no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Monyɛ ntamadan yi ne ne nsiesiemu nyinaa sɛnea mɛkyerɛ mo no pɛpɛɛpɛ.