Exodus 26:33 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Fa ntwamutam no sensɛn nsosɔmu no so na fa tware ɛdan no mu. Fa adaka a ɛboɔ a wɔatwerɛ Onyankopɔn mmara agu so no da mu no si ntoma ntwamu no akyiri. Ntoma ntwamu no bɛtwa kronkronbea hɔ ne kronkron mu kronkron no ntam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na fa ntwamutam no sɛne nkoamu no ase, na fa Adanseɛ adaka no bɛsi ntwamutam no akyi, na ntwamutam no ntwa kronkronbea ne kronkron mu kronkronbea no mu mma mo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na fa ntwamutam no sɛne nkoamu no ase, na fa Adanseɛ adaka no bɛsi ntwamutam no akyi, na ntwamutam no ntwa kronkronbea ne kronkron mu kronkronbea no mu mma mo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na fa mmɔhɔɔ no sensɛn nsoam no ase, na fa Adanse adaka no besi mmɔhɔɔ no akyi, na mmɔhɔɔ no ntwa kronkronbea ne kronkron mu kronkronbea no mu mma mo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Fa ntwamtam no sensɛn nsusomu no so na fa twa ɔdan no mu. Fa adaka a ɔbo a wɔakyerɛw Onyankopɔn mmara agu so no da mu no si ntama ntwamu no akyi. Ntama ntwamu no betwa kronkronbea hɔ ne kronkron mu kronkron no ntam.