Exodus 26:37 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Fa saa ntwamutam no sɛn okuo mpunan enum a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho no nsosɔmu no so. Wɔde saa mpunan no bɛsisi yaawa ntaeaseɛ enum no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na fa okuo adum nnum yɛ nkataano no, na fa sika duradura ho, na ne nkɔtɔkorɔ nyɛ sika, na fa kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ nnum gu aseɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na fa okuo adum nnum yɛ nkataano no, na fa sika duradura ho, na ne nkɔtɔkorɔ nyɛ sika, na fa kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ nnum gu aseɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na fa ɔkanto adum anum yɛ nkataano no, na fa sika duradura ho, na ne nkɔtɔkoro nyɛ sika, na fa kɔbere nnyinaso anum gu ase.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Fa saa ntwamtam no sɛn ɔkanto mpuran anum a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho no nsusomu no so. Wɔde saa mpuran no besisi ayowa ntaease anum no mu.