Exodus 27:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Adihɔ a ɛkyerɛ atifi fam no nso, saa ara na wɔnyɛ no. Nsɛnanimu a ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum, na nnua aduonu sisi kɔbere nnyinasoɔ mu a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne ne ntweaa fomfam ho na ɛbɛgyina no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Saa ara nso na atifi fam tentene mu no, ntwamutam a ne tentene basafa aduonum ne n’adum aduonu ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ aduonu nnie; na adum no mprɛngo ne mmeamu no nyɛ dwetɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Saa ara nso na atifi fam tentene mu no, ntwamutam a ne tentene basafa aduonum ne n’adum aduonu ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ aduonu nnie; na adum no mprɛngo ne mmeamu no nyɛ dwetɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Saa ara nso na benkum fam tenten mu no, mmɔhɔɔ a ne tenten basafa aduonum ne n'adum aduonu ne ne kɔbere nnyinaso aduonu nni; na adum no nkoropɛe ne ne mmeae no nyɛ dwetɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Adiwo a ɛkyerɛ atifi fam no nso, saa ara na wɔnyɛ no. Nsɛnanim a ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum, na nnua aduonu sisi kɔbere nnyinaso mu a dwetɛ nkɔtɔkoro ne ne ntwea tetare ho na ebegyina no.