Exodus 27:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Adihɔ hɔ no ano ɛkwan nyɛ ntoma nsɛnanimu a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan bɛdi mu adwini fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua ɛnan a ɛsisi ne nnyinasoɔ mu no nso bɛsosɔ nsɛnanotam no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na adihɔ no ano pono no nkataano nyɛ basafa du; wɔmfa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira a ɛyɛ nkyeremu; na n’adum nnan ne ne nnyinasoɔ nnan.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na adihɔ no ano pono no nkataano nyɛ basafa du; wɔmfa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira a ɛyɛ nkyeremu; na n’adum nnan ne ne nnyinasoɔ nnan.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na adiwo no ano pon no nkataano nyɛ basafa du; wɔmfa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira a ɛyɛ nkyeremu; n'adum anan ne ne nnyinaso anan.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Adiwo hɔ no ano kwan nyɛ ntama nsɛnanim a ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan bedi mu adwinni fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua anan a esisi ne nnyinaso mu no nso besuso nsɛnanotam no mu.