Exodus 27:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Fa kɔbere yɛ otwidadeɛ na fa dadeɛ nkawa hyehyɛ ne ntwea ɛnan no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na fa kɔbere mfrafraeɛ nwono ntentan wɔ ho, sɛdeɛ wɔnwono atena, na yɛ atena no so kɔbere mfrafraeɛ nkaa nnan wɔ ne ntwea nnan no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na fa kɔbere mfrafraeɛ nwono ntentan wɔ ho, sɛdeɛ wɔnwono atena, na yɛ atena no so kɔbere mfrafraeɛ nkaa nnan wɔ ne ntwea nnan no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na fa kɔbere nwene ntontan wɔ ho, sɛnea wɔnwene ɔtan, na yɛ ɔtan no so kɔbere nkaa anan wɔ ne twea anan no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Fa kɔbere yɛ ntwitae na fa dade nkaa hyehyɛ ne ntwea anan no so.