Exodus 29:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Monyi ne mu sradeɛ no ne ne berɛboɔ kotokuo no ne ne sawa mmienu no ne sradeɛ a ɛwɔ ho no na monhye no wɔ afɔrebukyia no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yi sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ no ho nyinaa ne deɛ ɛsensɛne mmerɛboɔ no ho no, ne sawa mmienu no ne ɛso sradeɛ no, na hye no wɔ afɔrebukyia no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yi sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ no ho nyinaa ne deɛ ɛsensɛne mmerɛboɔ no ho no, ne sawa mmienu no ne ɛso sradeɛ no, na hye no wɔ afɔrebukyia no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na yi srade a ɛkata ayamde no ho nyinaa ne nea ɛsensɛn mmerɛbo no ho no, ne asaabo abien no ne ɛso srade no, na hyew afɔremuka no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Munyi ne mu srade no ne ne bɔnwoma kotoku no ne ne asaabo abien no ne srade a ɛwɔ ho no na monhyew no wɔ afɔremuka no so.