Exodus 29:34 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ ɛba sɛ adeɛ kye ɛnam anaa burodo no bi so a, monhye no. Ɛnsɛ sɛ wɔdi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ asɔfohyɛ nam no ne paanoo no bi ka ma adeɛ kye so a, ɛnneɛ fa ogya hye deɛ ɛkaeɛ no; wɔnnni, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ asɔfohyɛ nam no ne paanoo no bi ka ma adeɛ kye so a, ɛnneɛ fa ogya hye deɛ ɛkaeɛ no; wɔnnni, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ asɔfohyɛ nam no ne abodoo no bi ka ma ade kye so a, ɛnne fa ogya hyew nea ɛkae no; wonnni, efisɛ ɛyɛ kronkron.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ ade kye asɔfohyɛ dwennini anaa brodo no bi so a, monhyew. Ɛnsɛ sɛ wodi, efisɛ ɛyɛ kronkron.