Exodus 29:41 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Momfa odwammaa no baako a waka no mmɔ anwummerɛ afɔdeɛ a asikyiresiam ne nsã ka ho te sɛ anɔpa deɛ no ara. Ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔrehwam ama Awurade.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na adwammaa baako no, fa no bɔ afɔdeɛ anwummerɛ, na yɛ no sɛ anɔpa aduane afɔdeɛ no ne ɛho ahwiesa no, na ɛnyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na adwammaa baako no, fa no bɔ afɔdeɛ anwummerɛ, na yɛ no sɛ anɔpa aduane afɔdeɛ no ne ɛho ahwiesa no, na ɛnyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na oguammaa biako no, fa no bɔ afɔre anwummere, na yɛ no sɛ anɔpa aduan afɔre no ne ɛho ahwiesa no, na enyi hua huamhuam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔre.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Momfa oguan no baako a waka no mmɔ anwummere afɔre a asikresiam ne nsa ka ho te sɛ anɔpa de no ara. Ɛbɛyɛ ɔhyew afɔrehuam ama Awurade.