Exodus 3:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mose bisaa sɛ, “Sɛ mekɔ Israelfoɔ no nkyɛn kɔka sɛ, wɔn agyanom Onyankopɔn na wasoma me na wɔbisa me sɛ. ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuaeɛ bɛn na memfa mma wɔn?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Na sɛ meduru Israelfoɔ nkyɛn, na meka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nananom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn, na wɔbisa me sɛ: Ne din de sɛn a, sɛn na mense wɔn?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ: Na sɛ meduru Israelfoɔ nkyɛn, na meka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nananom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn, na wɔbisa me sɛ: Ne din de sɛn a, sɛn na mense wɔn?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Mose ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Na sɛ midu Israelfo nkyɛn, na meka mekyerɛ wɔn sɛ: Mo agyanom Nyankopɔn na asoma me mo nkyɛn, na wɔka kyerɛ me sɛ: Ne din de dɛn a, dɛn na minse wɔn?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mose bisae se, “Sɛ mekɔ Israelfo no nkyɛn kɔka se wɔn agyanom Nyankopɔn na wasoma me na wobisa me se, ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuae bɛn na memfa mma wɔn?”