Exodus 3:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Onyankopɔn toaa so sɛ, “ Awurade a ɔyɛ mo nananom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.” Yei ne me edin a wɔde bɛkae me ɛda biara firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn. Na yei ne me din de kɔsi daa, na yei na wɔmfa nkae me, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn. Na yei ne me din de kɔsi daa, na yei na wɔmfa nkae me, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Ka kyerɛ Israel mma sɛ: AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn yi, eyi ne me din de kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Onyankopɔn toaa so se, “Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘ Awurade a ɔyɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.’ ” Eyi ne me din a wɔde bɛkae me daa fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so.