Exodus 3:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Israelfoɔ mpanimfoɔ bɛtie wʼasɛm na wɔne wo akɔ Misraimhene hɔ akɔka akyerɛ no sɛ, ‘ Awurade, Hebrifoɔ Onyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn sɛ, yɛntu nnansa ɛkwan nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afɔdeɛ mma no. Enti, ma yɛn ɛkwan.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔbɛtie wo nne, na wo ne Israel mpanimfoɔ nkɔ Misraimhene nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn, abɛhyia yɛn, enti yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ ɛserɛ so nnansa kwan nkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn, afɔdeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔbɛtie wo nne, na wo ne Israel mpanimfoɔ nkɔ Misraimhene nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn, abɛhyia yɛn, enti yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ ɛserɛ so nnansa kwan nkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn, afɔdeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wobetie wo nne, na wo ne Israel mpanyimfo nkɔ Misraim hene nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn, abehyia yɛn, enti yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ sare so nnansa kwan nkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn, afɔre.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Israelfo mpanyimfo betie wʼasɛm no. Na ɛsɛ sɛ wo ne mpanyimfo no kɔ Misraimhene hɔ kɔka kyerɛ no se, ‘ Awurade, Hebrifo Nyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn se, yentu nnansa kwan nkɔ sare so nkɔbɔ afɔre mma no.’