Exodus 30:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Fa kɔbere yɛ atam a ne nnyinasoɔ nso yɛ kɔbere. Fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na fa nsuo gu mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Fa yaawa yɛ kuduo nso a n’ase nso yɛ yaawa, na wɔadware mu, na fa si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na gu mu nsuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Fa yaawa yɛ kuduo nso a n’ase nso yɛ yaawa, na wɔadware mu, na fa si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na gu mu nsuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Fa ayowa yɛ asankasɔn nso a n'ase nso yɛ ayowa, na wɔaguare mu, na fa si ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam, na gu mu nsu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Fa kɔbere yɛ hweaseammɔ a ne nnyinaso nso yɛ kɔbere. Fa si Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na fa nsu gu mu.