Exodus 30:32 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnsɛ sɛ wɔhwie gu obiara so kwa, na ɛnsɛ sɛ mo ara ankasa nso moyɛ bi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron enti ɛsɛ sɛ mo nso moyɛ no kronkron.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
wɔnnhwie nngu onipa honam so; na monnsusu so nnyɛ bi a ɛte sɛ ɛno; ɛyɛ kronkron, enti ɛnyɛ kronkron mma mo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
wɔnnhwie nngu onipa honam so; na monnsusu so nnyɛ bi a ɛte sɛ ɛno; ɛyɛ kronkron, enti ɛnyɛ kronkron mma mo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
wonnhwie nngu onipa honam so, na munnsusuw so nnyɛ bi a ɛte sɛ ɛno; ɛyɛ kronkron, ɛnyɛ kronkron mma mo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnsɛ sɛ wohwie gu obiara so kwa, na ɛnsɛ sɛ mo ankasa nso moyɛ bi, efisɛ ɛyɛ kronkron enti ɛsɛ sɛ mo nso moyɛ no kronkron.