Exodus 32:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn ara na wɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛ onyame bi ma yɛn na ɔnkyerɛ yɛn ɛkwan na biribi ayɛ saa Mose a ɔdii yɛn anim firii Misraim no.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Yɛ anyame ma yɛn na wɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ Mose yi, ɔbarima a ɔkɔyii yɛn firi Misraim asase so baeɛ no, yɛnnim deɛ ayɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Yɛ anyame ma yɛn na wɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ Mose yi, ɔbarima a ɔkɔyii yɛn firi Misraim asase so baeɛ no, yɛnnim deɛ ayɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Yɛ anyame ma yɛn na wonni yɛn anim, efisɛ Mose yi, ɔbarima a okoyii yɛn fii Misraim asase so bae no, yennim nea ayɛ no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn ara na wɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛ onyame bi ma yɛn na ɔnkyerɛ yɛn kwan na yennim nea ayɛ saa Mose a odii yɛn anim fii Misraim no.’